25 Ɛnna Mose yii Israelfoɔ no mu mmarima a wɔfata yɛɛ wɔn mpanimfoɔ wɔ nnipa apem biara so, ɔha biara so, aduonum biara so, ne edu biara so. 26 Enti berɛ biara a asɛm bi bɛsi no, na wɔbu nkurɔfoɔ no atɛn. Nanso asɛm a emu yɛ duru no, wɔde brɛ Mose,+ na nsɛm nketenkete no deɛ, wɔn ankasa di.