4 Afei Yehowa mo Nyankopɔn ama mo nuanom ahome, sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+ Enti mobɛtumi asan akɔ mo ntomadan mu, asaase a Yehowa akoa Mose de maa mo wɔ Yordan agya* no so.+
9 Afei Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fã no ne Israelfoɔ a aka no dii mpaapaemu, na wɔfirii Silo a ɛwɔ Kaanan asaase so, na wɔsan kɔɔ Gilead asaase so,+ asaase a Yehowa nam Mose so ka maa wɔde maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ a wɔbɛtena so no.+