Leviticus 19:4 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 4 Monnni anyamehunu akyi,+ na monnyɛ dadeɛ ahoni biara.+ Mene Yehowa mo Nyankopɔn. Deuteronomium 27:15 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 15 “‘Nnome nka obiara a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene+ anaa dadeɛ honi*+ de asie. Ɛyɛ Yehowa akyiwadeɛ+ a odwumfoɔ de ne nsa ayɛ.’ (Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, ‘Amen!’*)
15 “‘Nnome nka obiara a ɔbɛyɛ ohoni a wɔasene+ anaa dadeɛ honi*+ de asie. Ɛyɛ Yehowa akyiwadeɛ+ a odwumfoɔ de ne nsa ayɛ.’ (Na ɔman no nyinaa bɛgye so sɛ, ‘Amen!’*)