-
Leviticus 25:32-34Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
32 “‘Lewifoɔ afie a ɛwowɔ wɔn nkuro mu no deɛ,+ sɛ wɔtɔn a, hokwan a wɔwɔ sɛ wɔsan tɔ wɔn adeɛ no rentwam da. 33 Sɛ ɛba sɛ Lewifoɔ no bi ansan antɔ ne fie a watɔn no wɔn nkuro no bi mu a, ɛnneɛ sɛ Ahofadie Afe no so a, ɛsɛ sɛ wɔsan de n’adeɛ ma no.+ Ɛfiri sɛ Lewifoɔ afie a ɛwowɔ wɔn nkuro mu no ne agyapadeɛ a wɔde ama wɔn wɔ Israel.+ 34 Afei nso, wɔn nkuro ho mfikyisaase a mmoa bɛdidi so+ no deɛ, wɔrentumi ntɔn, ɛfiri sɛ ɛyɛ agyapadeɛ a wɔde ama wɔn afebɔɔ.
-