20 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya agyapadeɛ wɔ wɔn asaase so, na worennya asaase biara wɔ wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ wɔ Israelfoɔ mu.+
2 “Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, agyapadeɛ a wɔbɛnya no, wɔnyi emu nkuro no bi mma Lewifoɔ no ntena mu,+ na wɔmfa nkuro no ho nsaase a mmoa bɛdidi so no mma Lewifoɔ no.+
4 Nkuro a mode bɛma Lewifoɔ no, ɛho nsaase a mmoa bɛdidi so no, ɛsɛ sɛ ɛne kuro no fasuo ntam yɛ basafa* 1,000. Monsusu no saa ara ntwa kuro biara ho nhyia.
18“Lewifoɔ a wɔyɛ asɔfoɔ no, Lewi abusuakuo no nyinaa, Wɔremma obiara kyɛfa anaa agyapadeɛ biara wɔ Israel. Yehowa kyɛfa a ɛne afɔreɛ a wɔde gya hye ma no no, ɛno na wɔbɛdi.+