20 Yehowa toaa so ka kyerɛɛ Aaron sɛ: “Worennya agyapadeɛ wɔ wɔn asaase so, na worennya asaase biara wɔ wɔn mu.+ Mene wo kyɛfa ne w’agyapadeɛ wɔ Israelfoɔ mu.+
24 Ɛfiri sɛ nneɛma mu nkyɛmu du mu baako a Israelfoɔ de yi ntoboa, deɛ wɔde yi ntoboa ma Yehowa no, mede ama Lewifoɔ no sɛ wɔn agyapadeɛ. Ɛno nti na maka akyerɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ wɔnya agyapadeɛ biara wɔ Israelfoɔ mu’ no.”+
14 Lewi abusuakuo no nko ara na wamma wɔn agyapadeɛ.+ Afɔreɛ a wɔde egya hye ma Israel Nyankopɔn Yehowa no, ɛno ne wɔn agyapadeɛ,+ sɛdeɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ no.+
13 Monnim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma kronkron no di asɔrefie nneɛma no bi anaa? Na monnim sɛ wɔn a wɔsom wɔ afɔrebukyia ho daa no nso nya wɔn kyɛfa firi afɔrebukyia no so anaa?+