-
Numeri 27:1-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
27 Na Selofehad mma mmaa+ a wɔfiri Yosef ba Manase abusuakuo mu no bae. Ná Selofehad papa ne Hefer, Hefer papa ne Gilead, Gilead papa ne Makir, Makir papa ne Manase. Selofehad mma mmaa no din de Mahla, Noa, Hogla, Milka, ne Tirsa. 2 Wɔbɛgyinaa Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasar ne mpanimfoɔ no+ ne asafo no nyinaa anim wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ano, na wɔkaa sɛ: 3 “Yɛn papa wuu wɔ serɛ no so, nanso nkurɔfoɔ a wɔkaa wɔn ho boom sɔre tiaa Yehowa no, kyerɛ sɛ, Kora akyitaafoɔ no,+ na ɔnka ho. Ɔno ara ne bɔne nti na ɔwuiɛ, na na ɔnni mma mmarima. 4 Adɛn nti na ɔbabarima a yɛn papa nni nti, ɛsɛ sɛ ne din yera firi n’abusua mu? Momma yɛn agyapadeɛ wɔ yɛn papa nuanom mu.” 5 Enti Mose de wɔn asɛm no kɔtoo Yehowa anim.+
6 Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ: 7 “Asɛm a Selofehad mma mmaa no reka no yɛ nokorɛ. Enti sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛsɛ sɛ woma wɔn agyapadeɛ wɔ wɔn papa nuanom mu, na woma wɔn papa agyapadeɛ bɛdi wɔn nsam.+
-