Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Numeri 4:15
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 15 “Sɛ wɔretu afiri baabi a wɔsoɛeɛ no a, Aaron ne ne mma bɛkata kronkronbea no ne nneɛma a ɛwɔ kronkronbea hɔ no nyinaa ho.+ Wɔwie a, na Kohatfoɔ no aba hɔ abɛsoa.+ Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho ka kronkronbea no, anyɛ saa a, wɔbɛwu.+ Weinom ne Kohatfoɔ no asɛdeɛ* a wɔwɔ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho.

  • Numeri 4:24-26
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 24 Adwuma a Gersonfoɔ mmusua bɛyɛ ne nneɛma a wɔbɛsoa nie:+ 25 Wɔbɛsoa ɔsom ntomadan no ho ntoma,+ ne ahyiaeɛ ntomadan no ho ntoma, ne ne nkatasoɔ, ne sukraman nwoma nkatasoɔ a ɛgu so,+ ne ntoma a ɛsɛn ahyiaeɛ ntomadan no kwan ano,+ 26 ne ntoma a ɛsensɛn adihɔ no ho,+ ne ntoma* a ɛwɔ adihɔ no ano,+ adihɔ a ɛwɔ ɔsom ntomadan no ne afɔrebukyia no ho no, ne ɛho nhoma, ne ɛho nneɛma nyinaa ne biribiara a wɔde yɛ ɛho adwuma. Ɛno ne wɔn adwuma.

  • Numeri 4:31-33
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 31 Adwuma a wɔbɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no ho nie:+ wɔbɛsoa ɔsom ntomadan nnua no,+ ne ne mmeamu,+ ne ɛho adum no,+ ne ne nnyinasoɔ,+ 32 adum+ a atwa adihɔ no ho ahyia, ne adum no nnyinasoɔ,+ ne nnua a wɔde bɔ ntomadan no mu tim fam,+ ne ɛho nhoma ne emu nneɛma nyinaa, ne weinom ho adwuma biara. Mommɔ obiara din na monkyerɛ no nneɛma a ɔbɛsoa. 33 Wei ne adwuma a Merarifoɔ mmusua+ bɛyɛ wɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu, na ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar na ɔbɛhwɛ wɔn adwuma no so.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane