Exodus 23:20, 21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 20 “Meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim+ ama no abɔ wo ho ban wɔ kwan so na ɔde wo akɔduru baabi a masiesie no.+ 21 Tie n’asɛm na yɛ deɛ ɔbɛka biara. Nsɔre ntia no, na woyɛ bɔne a ɔremma womfa wo ho nni,+ ɛfiri sɛ me din da ne so. 1 Korintofoɔ 10:6 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 6 Nsɛm yi abɛyɛ nhwɛsoɔ ama yɛn, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a yɛn kɔn rennɔ bɔne sɛdeɛ wɔn kɔn dɔeɛ no.+ 1 Korintofoɔ 10:10 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 10 Bio nso, monnnwiinwii sɛdeɛ wɔn mu bi nwiinwiiɛ+ na ɔsɛefoɔ no sɛee wɔn+ no.
20 “Meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim+ ama no abɔ wo ho ban wɔ kwan so na ɔde wo akɔduru baabi a masiesie no.+ 21 Tie n’asɛm na yɛ deɛ ɔbɛka biara. Nsɔre ntia no, na woyɛ bɔne a ɔremma womfa wo ho nni,+ ɛfiri sɛ me din da ne so.