-
Numeri 23:13, 14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Ɛnna Balak ka kyerɛɛ no sɛ: “Mepa wo kyɛw bra ma yɛnkɔ baabi foforɔ a wobɛhu wɔn. Wɔn mu kakraa bi na wobɛhu wɔn; worenhunu wɔn nyinaa. Dome wɔn ma me wɔ hɔ.”+ 14 Enti ɔde no kɔɔ Sofim serɛ so, Pisga atifi,+ na ɔsii afɔrebukyia nson de nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia biara so.+
-
-
Numeri 23:28-30Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
28 Enti Balak de Baalam kɔɔ Peor atifi a ɛhwɛ Yesimon* no so.+ 29 Na Baalam ka kyerɛɛ Balak sɛ: “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na fa anantwinini nson ne adwennini nson bɔ afɔreɛ ma me.”+ 30 Enti Balak yɛɛ deɛ Baalam kaeɛ no, na ɔde nantwinini baako ne odwennini baako bɔɔ afɔreɛ wɔ afɔrebukyia biara so.
-