12 Adɛn na ɛsɛ sɛ woma kwan ma Egyptfoɔ ka sɛ, ‘Adwemmɔne na ɔde yii wɔn; na ɔpɛ sɛ ɔkunkum wɔn wɔ bepɔ no so na ɔtɔre wɔn ase firi asaase so’?+ Ma wo bo nnwo na gyinaeɛ a woasi sɛ wobɛyɛ wo man bɔne no, san hwɛ no bio.*
15 Sɛ wokum nnipa yi nyinaa prɛko pɛ* a, aman a wɔate wo ho asɛm no bɛka sɛ: 16 ‘Yehowa antumi amfa ɔman yi ankɔ asaase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, enti wakunkum wɔn wɔ serɛ no so.’+