20 Daabi; mmom deɛ mereka ne sɛ afɔreɛ a amanaman no bɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne,* na ɛnyɛ Onyankopɔn;+ na mempɛ sɛ mo ne ahonhommɔne bom yɛ biribiara.+21 Morentumi nnom Yehowa* kuruwa ano nsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano; morentumi nnidi “Yehowa* pono”+ so nsan nnidi ahonhommɔne pono so.