-
Yosua 17:17, 18Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
17 Enti Yosua ka kyerɛɛ Yosef fie, Efraim ne Manase sɛ: “Woyɛ ɔman kɛseɛ na wo ho yɛ den yie. Ɛnyɛ asaase baako pɛ na wobɛnya,+ 18 na mmom bepɔ no so nso bɛyɛ wo dea.+ Ɛwom sɛ ɛyɛ kwaeɛ deɛ, nanso bu fa, na ɛhɔ na w’asaase no ano bɛpem. Kaananfoɔ no ho yɛ den na wɔwɔ nteaseɛnam a sekan tuatua ho* deɛ, nanso wobɛtu wɔn afiri hɔ.”+
-