19 Na berɛ a Mose kaa Mmara no mu ahyɛdeɛ nyinaa kyerɛɛ ɔman no nyinaa wieeɛ no, ɔfaa anantwie ne mpɔnkye no mogya ne nsuo ne ntoma kɔkɔɔ ne sommɛ, na ɔde petee nwoma no ne ɔman no nyinaa so, 20 na ɔkaa sɛ: “Apam a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ monni so no, ɛho mogya nie.”+