Deuteronomium 10:12 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 12 “Afei Israel, ɛdeɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ firi wo hɔ?+ Ɛne sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn+ na woanante n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+ Hiob 28:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: ‘Hwɛ! Yehowa suro, ɛno ne nyansa,+Na obi twe ne ho firi bɔne ho a, ɛno ne nteaseɛ.’”+ Mmebusɛm 1:7 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 7 Yehowa suro, ɛno ne nimdeɛ mfitiaseɛ.+ Nkwaseafoɔ nko ara na wɔmfa nyansa ne ntenesoɔ nyɛ hwee.+ Mateo 10:28 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 28 Na monnsuro wɔn a wɔkum nipadua nanso wɔntumi nkum ɔkra*+ no; mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.*+ 1 Petro 2:17 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 17 Monni nnipa nyinaa ni,+ monnɔ anuanom* nyinaa,+ monsuro Onyankopɔn,+ na monni ɔhene ni.+
12 “Afei Israel, ɛdeɛn na Yehowa wo Nyankopɔn hwehwɛ firi wo hɔ?+ Ɛne sɛ wobɛsuro Yehowa wo Nyankopɔn+ na woanante n’akwan nyinaa so+ na woadɔ no, na wode w’akoma nyinaa ne wo kra* nyinaa asom Yehowa wo Nyankopɔn,+
28 Na ɔka kyerɛɛ onipa sɛ: ‘Hwɛ! Yehowa suro, ɛno ne nyansa,+Na obi twe ne ho firi bɔne ho a, ɛno ne nteaseɛ.’”+
28 Na monnsuro wɔn a wɔkum nipadua nanso wɔntumi nkum ɔkra*+ no; mmom monsuro deɛ ɔbɛtumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.*+