17 Ɛsɛ sɛ mosɛe kuro no ne biribiara a ɛwom;+ ne nyinaa yɛ Yehowa dea. Tuutuuni Rahab+ nko ara na ɛnsɛ sɛ mode mo nsa ka no, ɔno ne wɔn a wɔka ne ho wɔ efie hɔ nyinaa, ɛfiri sɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no sieeɛ.+
28 Saa da no, Yosua faa Makeda,+ na ɔtwee sekan wɔ kuro no so. Ɔkum kurom hɔ hene ne emu nnipa* nyinaa. Wannya obiara wɔ hɔ.+ Sɛdeɛ ɔyɛɛ Yeriko hene no, saa ara na ɔyɛɛ Makeda hene+ nso.