6 “Enti ka kyerɛ Israelfoɔ sɛ: ‘Mene Yehowa, na mɛyi mo afiri Egyptfoɔ nnesoa ase, na magye mo afiri wɔn nkoasom mu;+ mede basa a emu atene* ne asotwe* akɛseɛ na ɛbɛgye mo afiri Egyptfoɔ nsam.+
3 Ɛnna Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ: “Monkae da a wɔyii mo firii nkoafie wɔ Egypt no,+ ɛfiri sɛ Yehowa de nsa a ɛyɛ den na ɛyii mo firii ha.+ Enti ɛnsɛ sɛ modi biribiara a mmɔka* wom.