-
Deuteronomium 13:12-15Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 “Nkuro a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no, ebia wobɛte sɛ wɔreka wɔ nkuro no bi mu sɛ, 13 ‘Nnipahunu bi asɔre pɛ sɛ wɔsɛe kuro no mufoɔ adwene, na wɔka sɛ monkɔsom anyame foforɔ a monnim wɔn.’ 14 Ɛba saa a, monhwehwɛ asɛm no mu yie nhwɛ sɛ ɛyɛ nokorɛ anaa.+ Mohu sɛ wɔayɛ akyiwadeɛ a ɛte saa wɔ wo mu ampa a, 15 momfa sekan nkunkum nnipa a wɔwɔ kuro no mu nyinaa,+ na momfa sekan nsɛe kuro no, emu nneɛma, ne emu nyɛmmoa nyinaa pasaa.+
-