5 Mmom saa odiyifoɔ anaa ɔdaeɛsofoɔ no deɛ, monku no,+ ɛfiri sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ ma mosɔre tia Yehowa mo Nyankopɔn a ɔyii mo firii nkoafie wɔ Egypt asaase so na ɔgyee mo no. Ɔpɛ sɛ momane firi ɛkwan a Yehowa mo Nyankopɔn aka sɛ momfa so no so; monyi adebɔne no mfiri mo mu.+