10 Na wotwa wo bobefuo* mu aba nso a, ɛnsɛ sɛ wosesa aba a aka aseɛ anaa deɛ agugu fam no. Gya ma ahiafoɔ*+ ne ahɔhoɔ a wɔabɛsoɛ mo mu no. Mene Yehowa mo Nyankopɔn.
13 Afei ka no Yehowa wo Nyankopɔn anim sɛ, ‘Mayi ade kronkron afiri me fie de ama Lewini ne ɔhɔhoɔ a wabɛsoɛ yɛn mu, agyanka, ne okunafoɔ+ sɛdeɛ ahyɛdeɛ a wode ama me no nyinaa teɛ. Memmuu w’ahyɛdeɛ so na memmane mfirii ho.