8 Mɛsiane akɔgye wɔn afiri Egyptfoɔ nsam,+ na mayi wɔn afiri asaase no so akɔ asaase a ɛyɛ na ɛtrɛ so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so,+ baabi a Kaananfoɔ, Hitifoɔ, Amorifoɔ, Perisifoɔ, Hiwifoɔ, ne Yebusifoɔ teɛ.+
7 Yehowa wo Nyankopɔn de wo rekɔ asaase pa so;+ asaase a nsubɔnten, nsuwansuwa, ne atadeɛ a ɛfiri abɔn ne mmepɔ mu sene wɔ so. 8 Ɛyɛ asaase a hwiit, baali,* bobe, borɔdɔma nnua, granate akutuo,*+ ngodua, ne ɛwoɔ wɔ so.+
6 Saa da no, mekaa wɔn ntam sɛ mɛyi wɔn afiri Egypt asaase so akɔ asaase a mapɛ ato hɔ ama wɔn so, asaase a nufosuo ne ɛwoɔ abu so wɔ so.+ Ná ɛyɛ asaase a ɛyɛ fɛ* sene asaase biara.