-
Yosua 8:30-32Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
30 Saa berɛ no, Yosua sii afɔrebukyia wɔ Ebal Bepɔ so+ maa Israel Nyankopɔn Yehowa 31 sɛdeɛ Yehowa akoa Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no. Wɔatwerɛ ho asɛm wɔ Mose Mmara nwoma no+ mu sɛ: “Momfa aboɔ muamua a wɔmfaa dadeɛ nkaeɛ nsi afɔrebukyia no.”+ Na wɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔreɛ ne asomdwoeɛ afɔreɛ wɔ so maa Yehowa.+
32 Afei Mmara a Mose twerɛɛ no wɔ Israelfoɔ anim no,+ Yosua hwɛɛ so twerɛɛ bi guu aboɔ no so.+
-