14 Ɛnna mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ́ mobɛwu deɛ, anka yɛde yɛn nkwa* bɛtwa so! Sɛ moamma obiara anhunu deɛ enti a yɛbaa ha, na Yehowa de asaase yi ma yɛn a, yɛn nso yɛbɛda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi akyerɛ mo na yɛadi mo nokorɛ.”
17 Ɛsɛ sɛ mosɛe kuro no ne biribiara a ɛwom;+ ne nyinaa yɛ Yehowa dea. Tuutuuni Rahab+ nko ara na ɛnsɛ sɛ mode mo nsa ka no, ɔno ne wɔn a wɔka ne ho wɔ efie hɔ nyinaa, ɛfiri sɛ ɔde nnipa a yɛsomaa wɔn no sieeɛ.+
22 Na Yosua ka kyerɛɛ mmarima mmienu a wɔkɔhwɛɛ asaase no sɛ: “Monkɔ tuutuuni baa no fie nkɔfa ɔno ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa mfiri hɔ, sɛdeɛ mokaa no ntam no.”+