13 Wɔsan tu firii hɔ, na wɔkɔsoɛɛ Arnon mpɔtamu.+ Serɛ a ɛfiri aseɛ firi Amorifoɔ hyeɛ so no, ɛso na Arnon wɔ, ɛfiri sɛ Arnon na ɛyɛ Moab hyeɛ, na ɛda Moab ne Amorifoɔ ntam.
1Atemmufoɔ no berɛ so no,*+ ɛkɔm baa asaase no so, na ɔbarima bi ne ne yere ne wɔn mma mmarima mmienu tu firii Betlehem+ a ɛwɔ Yuda kɔyɛɛ ahɔhoɔ wɔ Moab+ asaase so.