14 Afei nso, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ Saul ba Is-Boset+ nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa me yere Mikal ma me, me yere a mede adanseɛ bɛkyerɛɛ sɛ makum Filistifoɔ mmarima 100 ansa na wɔde no rema me awareɛ no.”+ 15 Enti Is-Boset soma maa wɔkɔfaa no firii ne kunu Paltiel+ a ɔyɛ Lais ba no nkyɛn baeɛ.