19 Wo ne Israelfoɔ nso, Yehowa de mo bɛhyɛ Filistifoɔ nsa,+ na ɔkyena, wo+ ne wo mma+ bɛba abɛka me ho. Israel asraafoɔ nso, Yehowa de wɔn bɛhyɛ Filistifoɔ nsa.”+
6 Enti Saul ne ne mma mmarima mmiɛnsa ne ne fiefoɔ a wɔka ne ho nyinaa wuwuiɛ.+7 Berɛ a Israelfoɔ a wɔwɔ asaasetraa no so* nyinaa huu sɛ obiara adwane, na Saul ne ne mma nso awuwu no, wɔdwane firii wɔn nkuro mu; ɛnna Filistifoɔ no bɛtenatenaa hɔ.