-
1 Berɛsosɛm 22:9, 10Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Hwɛ, wobɛwo ɔbabarima.+ Ɔbɛyɛ asomdwoeɛ* nipa, na mɛma ne ho adwo no n’atamfo a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa nsam;+ wɔbɛfrɛ no Solomon,*+ na mɛma Israel anya asomdwoeɛ na wɔn ho adwo wɔn wɔ ne berɛ so.+ 10 Ɔno na ɔbɛsi fie ama me din;+ ɔbɛyɛ me ba na me nso mayɛ n’agya.+ Mɛma n’ahennie adwa atim Israel so afebɔɔ.’+
-