-
2 Berɛsosɛm 4:18-22Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Solomon yɛɛ saa nneɛma yi pii, na wɔammu kɔbere no dodoɔ ano.+
19 Solomon yeyɛɛ nokorɛ Nyankopɔn no fie hɔ nneɛma nyinaa:+ sika kɔkɔɔ afɔrebukyia,+ apono+ a wɔbɛhyehyɛ paanoo a wɔde kyerɛ no+ wɔ so, 20 nkaneadua no ne ɛho sika kɔkɔɔ amapa+ nkanea a wɔbɛsɔ no pia mu pia no anim sɛdeɛ mmara no kyerɛ no; 21 ɛne nhwiren, nkanea, ne nneɛma a wɔde fa gya a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ, kyerɛ sɛ, sika kɔkɔɔ amapa; 22 ɛne adumgya, nkyɛnsee, nkuruwa, ne nkyɛnsee a wɔde gya gu mu a wɔde sika kɔkɔɔ amapa yɛeɛ; ɛne efie no ano kwan, Kronkron Mu Kronkronbea apono+ ne asɔredan no apono a wɔde sika kɔkɔɔ yeyɛeɛ no nyinaa.+
-