-
2 Berɛsosɛm 7:19, 20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Nanso, sɛ motwe mo ho, na mogyaa m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm a mede ama mo no, na mokɔsom anyame foforɔ na mokoto wɔn a,+ 20 ɛnneɛ asaase a mede ama Israel no, mɛtutu wɔn ase afiri so,+ na efie a mayɛ no kronkron ama me din yi, mɛto afiri m’anim atwene, na wɔde aka asɛm asere* adi ho fɛ wɔ aman nyinaa mu.+
-