-
2 Ahemfo 9:1-3Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
9 Ɛnna odiyifoɔ Elisa frɛɛ adiyifoɔ mma no baako ka kyerɛɛ no sɛ: “Fa ntoma kyekyere w’asene, na yɛ ntɛm fa ngo toa yi kɔ Ramot-Gilead.+ 2 Sɛ woduru hɔ a, hwehwɛ Nimsi ba Yehosafat ba Yehu+ wɔ hɔ; kɔ ne nkyɛn na ma no nsɔre mfiri ne nuanom mu, na fa no kɔ pia mu. 3 Afei fa ngo toa no na hwie ngo no gu ne tirim, na ka sɛ, ‘Deɛ Yehowa aka nie: “Masra wo asi wo hene wɔ Israel so.”’+ Wowie a, bue pono no na dwane firi hɔ ntɛm.”
-
-
2 Ahemfo 9:30-33Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
30 Berɛ a Yehu bɛduruu Yesreel+ no, Yesebel+ teeɛ. Enti ɔde adubire kekaa n’ani akyi, na ɔsiesiee ne tiri ho, na ɔgyinaa mpomma mu hwɛɛ fam. 31 Berɛ a Yehu wuraa kuro no pono mu baeɛ no, ɔbaa no bisaa no sɛ: “Simri a ɔkum ne wura no, ɛsii no yie anaa?”+ 32 Ɛnna ɔno nso maa n’ani so hwɛɛ mpomma no mu, na ɔbisaa sɛ: “Hwan na ɔwɔ m’afã? Hwan?”+ Ɛhɔ ara na nhenkwaa mmienu anaa mmiɛnsa bɛgyinaa hɔ hwɛɛ no wɔ fam hɔ. 33 Ɔkaa sɛ: “Monto no nhwe fam!” Enti wɔtoo no hwee fam, na ne mogya no bi bɔ petee ɔfasuo no ne apɔnkɔ no ho, na n’apɔnkɔ no tiatiaa ne so.
-