-
2 Ahemfo 21:19-24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
19 Amon+ bɛdii hene no, na wadi mfeɛ 22, na ɔdii adeɛ mfeɛ mmienu wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Mesulemet, na na ɔyɛ Harus a ɔfiri Yotba no ba. 20 Ɔyɛɛ Yehowa ani so bɔne sɛdeɛ ne papa Manase yɛeɛ no.+ 21 Deɛ ne papa yɛeɛ nyinaa, ɛno ara bi na ɔno nso yɛeɛ; ɔsom abosom fĩ a ne papa someeɛ no.+ 22 Enti ɔgyaa Yehowa, n’agyanom Nyankopɔn no, na wannante Yehowa kwan so.+ 23 Ɛwiee aseɛ no, Ɔhene Amon nkoa bɔɔ ne ho pɔ, na wɔkum no wɔ ɔno ara ne fie. 24 Nanso asaase no sofoɔ kunkum wɔn a wɔbɔɔ Ɔhene Amon ho pɔ no nyinaa, na wɔsii ne ba Yosia hene maa no dii n’adeɛ.+
-