22 Ɛfiri atemmufoɔ a wɔbuu atɛn wɔ Israel no berɛ so ne Israel ne Yuda ahemfo nyinaa berɛ so no, na wɔnnii Twam bi a ɛte sɛ wei da.+23 Nanso Ɔhene Yosia ahennie afe a ɛtɔ so 18 mu no, wɔdii Twam yi maa Yehowa wɔ Yerusalem.
5 Enti wɔkaa sɛ wɔnka no Israel nyinaa, ɛfiri Beer-Seba kɔsi Dan,+ sɛ wɔmmra mmɛdi Twam no mma Israel Nyankopɔn Yehowa wɔ Yerusalem. Ná ɔman no nyinaa mmɔɔ mu nnii no sɛdeɛ wɔatwerɛ no.+