31 Weinom na Dawid de nnwontoɔ hyɛɛ wɔn nsa wɔ Yehowa fie hɔ berɛ a wɔde apam adaka no kɔsii hɔ no.+ 32 Ná wɔto nnwom wɔ ɔsom ntomadan no anim, kyerɛ sɛ, ahyiaeɛ ntomadan no anim kɔsii sɛ Solomon sii Yehowa fie no wɔ Yerusalem;+ wɔyɛɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa no.+