49 ɛnneɛ firi ɔsoro, wo tenabea hɔ tie+ wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ, na di wɔn asɛm ma wɔn; 50 wo man a wɔayɛ wo bɔne no, fa wɔn bɔne a wɔayɛ wo nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔn asɛm nyɛ mmɔbɔ wɔ atamfo a wɔakye wɔn no anim, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ+
6 Esra yi firi Babilon na ɛbaeɛ. Ná ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ,* na Mose Mmara+ a Israel Nyankopɔn Yehowa de maa ne nkurɔfoɔ no, na ɔnim no yie.* Ɔhene no maa no n’abisadeɛ nyinaa, ɛfiri sɛ na ne Nyankopɔn Yehowa nsa wɔ ne so.