32 Afei nso, Yeroboam maa wɔfirii aseɛ dii afahyɛ wɔ bosome a ɛtɔ so nwɔtwe no da a ɛtɔ so 15 no mu, te sɛ afahyɛ a wɔdi wɔ Yuda no.+ Afɔrebukyia a ɔsii no Betel no,+ ɔbɔɔ afɔreɛ wɔ so maa anantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔmaa asɔfoɔ a ɔyii wɔn no som wɔ sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Betel no.