-
Esra 2:59-63Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
59 Weinom nso na wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adon, ne Imer san baeɛ a wɔantumi ankyerɛ sɛ wɔyɛ Israelfoɔ anaa wɔnyɛ bi, ɛfiri sɛ wɔantumi ankyerɛ wɔn agyanom fie ne mmusua a wɔfiri mu:+ 60 Delaia mma, Tobia mma, Nekoda mma, 652. 61 Wɔn mu asɔfoɔ mma nie: Habaia mma, Hakos+ mma, Basilai mma; ɔno na ɔwaree Gileadni Basilai+ mma mmaa no baako na ɔfaa wɔn din no. 62 Wɔn nyinaa hwehwɛɛ twerɛtohɔ mu de pɛɛ mmusua a wɔfiri mu nanso wɔanhunu. Enti wɔbuu wɔn sɛ wɔmfata sɛ wɔyɛ asɔfoɔ.*+ 63 Amrado* no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔrentumi nni ade kronkron paa+ no bi kɔsi sɛ ɔsɔfoɔ bi bɛma Urim ne Tumim*+ akyerɛ.
-