-
Esra 2:68, 69Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
68 Berɛ a wɔbɛduruu Yehowa fie wɔ Yerusalem no, agyanom mmusua mu mpanimfoɔ no binom de ayamyɛ afɔreɛ+ baa sɛ wɔmfa nsi nokorɛ Nyankopɔn fie no nsi ne siberɛ.+ 69 Wɔyɛɛ deɛ wɔn ahoɔden bɛtumi de sika kɔkɔɔ drakma* 61,000, dwetɛ mmɛnnaa* 5,000 baa sɛ wɔmfa mmoa adwuma no,+ ne asɔfotaadeɛ 100 sɛ wɔmfa mma asɔfoɔ no.
-