9 Wonim sɛ Yehowa wo Nyankopɔn ne nokorɛ Nyankopɔn no; ɔno ne Onyankopɔn nokwafoɔ a ɔdi n’apam so, na wɔn a wɔdɔ no na wɔdi ne mmara so no, ɔda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi kyerɛ wɔn kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ apem so.+
4 Na mebɔɔ Yehowa me Nyankopɔn no mpaeɛ, na mekaa yɛn bɔne. Mekaa sɛ:
“O Yehowa, nokorɛ Nyankopɔn, wo a woyɛ kɛseɛ na wo ho yɛ hu, wo a wodi w’apam so na woda ɔdɔ a ɛnni hwammɔ adi+ kyerɛ wɔn a wɔdɔ wo na wɔdi wo mmara nsɛm so,+