Mmebusɛm 13:22 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 22 Onipa pa gya agyapadeɛ ma ne nananom,*Na ɔbɔnefoɔ ahonyadeɛ deɛ, wɔbɛkora so ama ɔteneneeni.+ Mmebusɛm 28:8 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 8 Deɛ ɔde nsiho+ ne apoobɔ nya ahonyadeɛ pii no,Ɔboaboa ano ma deɛ ɔhunu ahiafoɔ mmɔbɔ.+ Ɔsɛnkafoɔ 2:26 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 26 Onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ.+ Na ɔbɔnefoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*
26 Onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no, ɔma no nyansa ne nimdeɛ ne anigyeɛ.+ Na ɔbɔnefoɔ deɛ, adwuma a ɔde ama no ara ne sɛ ɔmmoaboa nneɛma ano mfa mma onipa a nokorɛ Nyankopɔn no gye no tom no.+ Wei nso yɛ ahuhudeɛ, na ɛyɛ ɔbrɛguo.*