-
Daniel 4:24, 25Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
24 Ɔhene, nkyerɛaseɛ no nie; ɛyɛ Ɔsorosoroni no atemmuo a ɛbɛba me wura ɔhene so. 25 Wɔbɛpamo wo afiri nnipa mu, na wo ne wuram mmoa bɛtena, na wobɛwe wura sɛ nantwie; na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo,+ na mmerɛ nson+ bɛtwam,+ akɔsi sɛ wobɛhunu sɛ Ɔsorosoroni no na ɔdi nnipa ahennie so tumi, na ɔde ma obiara a ɔpɛ.+
-