2 Samuel 12:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+ Dwom 32:5 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 5 Afei mekaa me bɔne kyerɛɛ wo;Mankata me mfomsoɔ so.+ Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+ Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ kyɛɛ me.+ (Sela) Mmebusɛm 28:13 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 13 Deɛ ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yie,+Na obiara a ɔka ne mmarato na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+ Luka 15:21 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 21 Ɛnna ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo.+ Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’ 1 Yohane 1:9 Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ 9 Sɛ yɛka yɛn bɔne a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni, enti ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na ɔbɛhohoro yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.+
13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: “Mayɛ Yehowa bɔne.”+ Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.+ Worenwu.+
5 Afei mekaa me bɔne kyerɛɛ wo;Mankata me mfomsoɔ so.+ Mekaa sɛ: “Mɛka me mmarato akyerɛ Yehowa.”+ Na wo nso wode me bɔne ne me mfomsoɔ kyɛɛ me.+ (Sela)
13 Deɛ ɔkata ne mmarato so no, ɛrensi no yie,+Na obiara a ɔka ne mmarato na ɔgyae no, wɔbɛhu no mmɔbɔ.+
21 Ɛnna ne ba no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Paapa, mayɛ bɔne atia Onyankopɔn* ne wo.+ Memfata sɛ wofrɛ me wo ba bio.’
9 Sɛ yɛka yɛn bɔne a, ɔyɛ ɔnokwafoɔ ne ɔteneneeni, enti ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na ɔbɛhohoro yɛn ho afiri deɛ ɛntene nyinaa ho.+