12 “Me ara na mɛkyekye mo werɛ.+
Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wosuro onipa dasani a ɔbɛwuo+
Ne onipa ba a ɔbɛtwintwam sɛ ɛserɛ mono?
13 Adɛn nti na wo werɛ afi wo Yɛfoɔ Yehowa,+
Deɛ ɔtrɛɛ ɔsoro mu+ na ɔtoo asaase fapem no?
Deɛ ɔhyɛ wo so no abufuo nti, da biara da na wosuro,
Te sɛ deɛ ɔrebɛsɛe wo ara ni.
Seesei, ɛhe na deɛ ɔhyɛ wo so no abufuo wɔ?