Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NWOMAKORABEA
Twi (Asante)
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NWOMA
  • ASAFO NHYIAMU
  • Genesis 18:14
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 14 Biribi wɔ hɔ a ɛboro Yehowa so anaa?+ Afe sɛsɛɛ mɛsan aba wo nkyɛn saa berɛ yi, na ɛbɛduru hɔ no na Sara awo ɔbabarima.”

  • Dwom 135:6
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    •  6 Deɛ ɛsɔ Yehowa ani biara no, ɔyɛ+

      Wɔ ɔsoro ne asaase so, ɛpo ne ebunu nyinaa mu.

  • Yesaia 43:13
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 13 Bio nso, mete sɛdeɛ meteɛ berɛ nyinaa;+

      Obiara rentumi nhwim biribiara mfiri me nsam.+

      Sɛ mekeka me ho a, hwan na ɔbɛtumi asi me kwan?”+

  • Yesaia 55:10, 11
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 10 Sɛdeɛ nsuo ne sukyerɛmma tɔ firi soro gu fam

      Na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔ asaase ma nneɛma fifi na ɛso,

      Na ogufoɔ nya aba, na odifoɔ nya aduane no,

      11 Saa ara na m’asɛm a ɛfiri m’anom bɛyɛ.+

      Ɛrensan mma me nkyɛn kwa.+

      Mmom, sɛdeɛ ɛteɛ biara, ɛbɛyɛ deɛ mepɛ,+

      Na deɛ ɛbɛyɛ biara, ɛbɛwie deɛ enti a mesomaa no no.

  • Yeremia 32:17
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 17 “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ! Wo na wode wo tumi kɛseɛ no+ ne wo basa a woatene mu yɛɛ ɔsoro ne asaase. Biribiara nni hɔ a wontumi nyɛ.

  • Marko 10:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Yesu hwɛɛ wɔn anim, na ɔkaa sɛ: “Nnipa fam deɛ, ɛrentumi nyɛ yie, nanso ɛnte saa wɔ Onyankopɔn fam, ɛfiri sɛ Onyankopɔn fam deɛ, adeɛ nyinaa bɛtumi ayɛ yie.”+

  • Luka 18:27
    Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
    • 27 Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɛrentumi nyɛ yie wɔ nnipa fam no, Onyankopɔn fam deɛ, ɛbɛtumi ayɛ yie.”+

Twi Asante Nwoma Ahodoɔ (2012-2022)
Firi Mu
Kɔ Mu
  • Twi (Asante)
  • Fa Mane
  • Yɛ Nsakraeɛ a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛeɛ
  • Sɛdeɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛdeɛ Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mane