-
2 Ahemfo 22:18, 19Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
18 Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa Yehowa anom asɛm no, monka nkyerɛ no sɛ, “Deɛ Yehowa, Israel Nyankopɔn aka nie: ‘Nsɛm a woteeɛ no, 19 ɛsiane sɛ woamma w’akoma anyɛ den* na wobrɛɛ wo ho ase+ wɔ Yehowa anim berɛ a wotee nsɛm a maka atia kuro yi ne wɔn a wɔtete mu sɛ ɛbɛyɛ ahoyera ne nnome ama wɔn, na wosuan w’ataadeɛ mu+ suu m’anim nti, me nso matie wo, Yehowa asɛm nie.
-
-
Dwom 22:24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
Berɛ a ɔsu frɛɛ no no, ɔtieeɛ.+
-
-
Luka 15:22-24Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
22 Na papa no ka kyerɛɛ ne nkoa no sɛ, ‘Monyɛ ntɛm! momfa ataade tenten a ɛdi mu paa no mmra mmɛhyɛ no, na momfa kawa* nhyɛ ne nsa, na momfa mpaboa nhyɛ ne nan. 23 Na momfa nantwie ba a wadɔre sradeɛ no mmra mmɛku no, na momma yɛnni na yɛnnye yɛn ani, 24 ɛfiri sɛ me ba yi wuiɛ, na wasan aba nkwa mu;+ ɔyeraeɛ, na yɛahu no.’ Na wɔfirii aseɛ gyee wɔn ani.
-
-
Luka 18:13, 14Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 Na deɛ ɔgyegye toɔ no deɛ, ɔkɔgyinaa akyirikyiri, na wampɛ sɛ ɔma ne ti so hwɛ soro mpo. Na mmom, ɔbobɔɔ ne koko mprɛ pii kaa sɛ, ‘O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na meyɛ ɔdebɔneyɛfoɔ.’+ 14 Mereka akyerɛ mo sɛ, berɛ a ɔbarima yi kɔɔ ne fie no, Onyankopɔn buu no ɔteneneeni senee Farisini no.+ Ɛfiri sɛ obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma ne so.”+
-