-
2 Samuel 16:5-7Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
5 Berɛ a Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei+ a ɔyɛ Gera ba pue baeɛ; ɔreba nyinaa, na ɔredome no.+ 6 Ɔtotoo aboɔ boroo Ɔhene Dawid ne ne nkoa nyinaa, ne nkurɔfoɔ no nyinaa, ne akatakyie a wɔwɔ Dawid benkum ne ne nifa so no. 7 Berɛ a Simei redome no no, deɛ ɔkaeɛ ne sɛ: “Firi hɔ kɔ, firi hɔ kɔ, ɔbarima wudini!* Onipahunu a ɔte sɛ wo!
-