-
Yosua 13:29-31Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
29 Afei Mose de Manase abusuakuo fã no agyapadeɛ maa wɔn; ɔde maa Manase abusuakuo fã no sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.+ 30 Wɔn hyeɛ firi Mahanaim+ ne Basan nyinaa, kyerɛ sɛ, Basan hene Og ahemman nyinaa, ne Yair+ ntomadan nkuro a ɛwowɔ Basan nyinaa; nkuro no yɛ 60. 31 Na Gilead fã, ne Astarot ne Edrei+ nkuro a ɛwɔ Basan hene Og ahemman mu no kɔdii Manase ba Makir mma+ nsam, na ɛbɛyɛɛ Makir mma no mu fã dea, sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ.
-