-
Yesaia 17:12, 13Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
12 Tie! Aman yɛ gyegyeegye,
Wɔbu fa so te sɛ po a ɛrehuru kutukutu!
Aman yɛ dede,
Wɔn dede te sɛ nsuo kɛseɛ a ɛreworo so!
13 Aman no bɛyɛ dede te sɛ nsuo bebree a ɛreworo so.
Ɔbɛka wɔn anim, na wɔbɛdwane akɔ akyirikyiri,
Wɔbɛti wɔn te sɛ bepɔ so ntɛtɛ a mframa de rekɔ,
Te sɛ nwura* a ahum ama ɛredi kyinhyia.
-
-
Yesaia 57:20Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
20 “Nanso abɔnefoɔ te sɛ po a ɛrebu fa so a ɛntumi nyɛ komm,
Na emu nsuo kɔ so pu wura ne atɛkyɛ.
-