-
Yosua 3:15, 16Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
15 (Ɛduru berɛ a wɔtwa hwiit a, saa berɛ no nyinaa Yordan yiri ma ɛbu fa ne kɔn so.)+ Na berɛ a asɔfoɔ a wɔso Adaka no duruu Yordan nsuo no ano a wɔde wɔn nan sii nsuo no mu ara pɛ, 16 nsuo a ɛtene firi atifi no nyinaa bɛgyinaa faako. Ɛkɔɔ soro te sɛ ɔfasuo wɔ akyirikyiri, wɔ Adam, kuro bi a ɛbɛn Saretan. Ɛnna deɛ ɛtene kɔ Araba Po a ɛno ara ne Nkyene Po* no mu no nso twaeɛ. Ɛtwae koraa maa ɔman no faa baabi a ɛne Yeriko di nhwɛanimu no twae.
-