-
2 Ahemfo 6:16, 17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
16 Nanso ɔkaa sɛ: “Nsuro!+ Ɛfiri sɛ wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sene wɔn a wɔka wɔn ho.”+ 17 Ɛnna Elisa bɔɔ mpaeɛ sɛ: “O Yehowa, mesrɛ wo, bue n’ani na ɔnhunu deɛ ɛrekɔ so.”+ Ntɛm ara na Yehowa buee ɔsomfoɔ no ani; ɔnkɔhwɛ a, egya apɔnkɔ ne nteaseɛnam+ na ayɛ mmepɔ no so ma atwa Elisa ho nyinaa ahyia+ yi.
-