-
Dwom 40:13-17Twerɛ Kronkron—Wiase Foforɔ Nkyerɛaseɛ
-
-
13 O Yehowa, mesrɛ wo, bɛgye me.+
Yɛ ntɛm bɛboa me, O Yehowa.+
Ma wɔn a wɔpɛ me sɛeɛ no
Mfa aniwuo nnane wɔn ho nnwane.
15 Wɔn a wɔka kyerɛ me sɛ: “Ɔtwea! Ɔtwea!” no,
Ma wɔn ho nnwiri wɔn na wɔn ani nwu.
Da biara, ma wɔn a wɔn ani gye wo nkwagyeɛ nnwuma ho no nka sɛ:
“Monkamfo Yehowa.”+
17 Me deɛ, meyɛ mmɔborɔwa ne ohiani.
Ma Yehowa ntwa n’ani mmɛhwɛ me.
-